Psalms 134

Ɔsoroforo dwom.


1 Awurade asomfo nyinaa, monkamfo Awurade,
mo a mosom wɔ Awurade fi anadwo nyinaa.

2 Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ
na monkamfo Awurade.


3 Awurade a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no,
mfi Sion nhyira mo.
Copyright information for TwiAKNA